የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 12

12
Yesu asuafoɔ he buu homeda he so
(Marko 2:23-28; Luka 6:1-5)
1 # Deut 23:25 Saa berɛ he, Yesu kɔfaa aburofuom homeda; na kɔm de n’asuafoɔ he, na bɛhyɛɛ aseɛ pempanee aburo he bi weeɛ. 2#Eks 20:10 Na Farisifoɔ he huu bɛ he, bɛka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Hwɛ, w’asuafoɔ he ɔɔyɔ deɛ mmara mma kwane mma bɛnnyɔ no homeda.” 3#1 Sa 21:6 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkenkanee deɛ Dawid yɔeɛ mmerɛ a kɔm dee ɔne ne nkurofoɔ he anaa? 4#Lew 24:9 Owuraa Nyankopɔn fie, na odii Kyerɛ Paanoo he a mmara mma kwane mma ɔno anaa ne nkurofoɔ he nso nni, gye sɛ asɔfoɔ nkoaa. 5#Num 28:9 Anaa honkenkanee no mmara he mu sɛ homeda he, sɛ asɔfoɔ a bɛya asɔrefie he bu homeda he so a benni fɔ? 6Meeka akyerɛ ho, deɛ ɔsõ kyɛne asɔrefie he ya ha. 7#Hos 6:6; Mat 9:13 Sɛ nka na honim Nyankopɔn asɛm a ɔdɛ ‘Mepɛ mmɔborɔhunu na nyɛ afɔrebɔ,’ ase a nka hoammu deɛ onni fɔ he fɔ. 8Na Nipa Ba he yɛ homeda he so tumfoɔ.”
Beema a ne nsa awu he
(Marko 3:1-6; Luka 6:6-11)
9Yesu firii hɔ kɔɔ bɛ hyiadane mu. 10#Luk 14:3 Na beema bi ya hɔ a ne nsa awu, na bebisaa no sɛ, “Ɔyɛ mmara sɛ bɛsa yadeɛ homeda?” Bebisaa no yei de pɛɛ kwane a bɛbɛfa so abɔ no kwaadu. 11#Luk 14:5 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Fa ne sɛ ho mu bi wɔ dwane baako, na ɔtɔ abura mu homeda a, ɔnnsɔ ne mu nnyi no mmfiri mu anaa? 12Nipa so nni mfasoɔ bebree nkyɛne dwane? Mmara ma ho kwane sɛ bɛyɔ papa homeda.” 13Na afei ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ɔyɛɛ yie sɛ baako heaa. 14#Yoh 5:16 Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.
Nyankopɔn akoa a wayi no he
15 # Mar 3:7-12 Berɛ a Yesu huu saa he, ofirii hɔ. Nnipa bebree dii n’akyi, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ, 16#Mat 8:4 na ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛmma biaa nhu ne nipa bane. 17#Yes 42:1-4 Yei maa deɛ diyifoɔ Yesaia kaeɛ he baam sɛ:
18 # Mat 3:17 “Yei ne m’akoa a mayi no,
medɔ ba, ɔno ne me kra ani sɔ no.
Mehwie me Honhom agu ne so,
na wapaem aka atɛntenenee akyerɛ Amanamane mufoɔ.
19Ɔnnko na ɔnnteam,
na biaa nso ɔnte ne nne abɔntene.
20Ommu nnɛm a abuka he mu,
na ntomabane a oofiri wisie he nso onnum no,
kosi sɛ ɔde tenenee bɛkɔ nkunimdie mu.
21Na ne dini mu ne Amanamane mufoɔ benya anidasoɔ.”
Yesu ne Beelsebul
(Marko 3:22-30; Luka 11:14-26; 11:29-32)
22Na bɛde bi a ɔwɔ honhommɔne a ɔyɛ nifirani na ɔsane yɛ mum braa no; na ɔsaa no yadeɛ, na deɛ na nka ɔyɛ mum he kasaeɛ na ohuu adeɛ. 23Na nnipadɔm he nyinaa ho dwirii bɛ na bebisaa sɛ, “Ɔnyɛ Dawid Ba he di?” 24#Mat 9:34 Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.” 25Na onim bɛ adwene, nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ahennie biaa a ɔne ne ho di asie he bɛsɛe, na kuro anaa fie biaa a ɔko tia ne ho he, onnyina. 26Sɛ Satan tutu Satan a, sɛ na ɔne ne ho odi asie o? Ɔba saa a ɔbɛyɛ dɛ na n’ahennie agyina? 27Sɛ me de Beelsebul tumi tutu ahonhommɔne a, hwane tumi ne ho nkurofoɔ so de betutu ahonhommɔne? Yei nti ho akyidifoɔ ne bebu ho atɛne. 28#1 Yoh 3:8 Nso sɛ ɔnam Nyankopɔn Honhom so ne metutu ahonhommɔne a, hedeɛ na Nyankopɔn ahennie he anya aba ho so. 29#Yes 49:24 Anaa ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi akɔ ahoɔdenfoɔ fie sɛ ɔɔkɔfom ne nnoɔma afa, berɛ a onni kane nkyekyere ahoɔdenfoɔ he? Gye sɛ ɔkyekyere no ansa na watumi afa ne nnoɔma he. 30#Mar 9:40 Biaa a ɔnka me ho he sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano he hwete mu. 31#Heb 6:4; 6:6; 10:26; 1 Yoh 5:16 Nti meka akyerɛ ho, bɛde bɔne ne abususɛm biaa a nipa bɛyɔ bɛkyɛ, nso abususɛm a bɛyɔ tia Honhom he deɛ bɛmmfa nkyɛ. 32#Luk 12:10; 1 Ti 1:13 Deɛ ɔka asɛm bi tia Nipa Ba he bɛde bɛkyɛ no, nso deɛ ɔkasa tia Honhom Kronkron he deɛ bɛmmfa nkyɛ no, saa berɛ yi anaa berɛ a ɔbɛba akyire yi.
Dua ne n’aba
33 # Mat 7:17 “Homma dua he nyɛ dua pa, na n’aba nso ayɛ aba pa; na sɛ homma dua he nyɛ dua bɔne n’aba nso yɛ aba bɔne; na dua he aba ne yɛde hu dua korɔ a ɔyɛ. 34Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka. 35Nipa pa de nnoɔma pa a waboaboa ano mu de nnoɔma pa ba, na nipa bɔne de nnoɔma bɔne a waboaboa ano de nnoɔma bɔne ba. 36Meeka akyerɛ ho, atemmuda he hobebu asemhunu biaa a efiri ho anum ba ho akonta; 37efiri sɛ ho nsɛm so ne bɛnam bebu ho bem, na ho nsɛm nso so ne bɛnam bebu ho fɔ.”
Bebisaa nsɛnkyerɛnne firii Yesu hɔ
38 # Mat 16:1 Na atwerɛfoɔ bi ne Farisifoɔ bi kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ yehu nsɛnkyerɛnne bi firi wo hɔ.” 39Nso obuaa bɛ sɛ, “Nemmafoɔ ho yɛ nnebɔnyɛfoɔ ne awaresɛefoɔ a hobisa nsɛnkyerɛnne, nso nsɛnkyerɛnne biaa nni hɔ sɛ diyifoɔ Yona nsɛnkyerɛnne. 40#Yona 1:17 Na sɛnea Yona dii bonsu yam nnansa, awia ne anadwo he, saa ara ne Nipa Ba he bedi nnansa asaase bunu mu. 41#Yona 3:5 Ninewefoɔ ne nemmafoɔ behyia atemmuo mu, na bebebu saa nemmafoɔ yi fɔ, efiri sɛ Ninewefoɔ he gyee Yona asɛnka diiɛ na bɛsakraa bɛ adwene, na hwɛ, deɛ ɔso kyɛne Yona ya ha. 42#1 Ah 10:1-10 Anafoɔ Hemaa ne nemmafoɔ behyia atemmuo mu, na obebu nemmafoɔ yi fɔ, efiri sɛ ofirii asaase ano nohoaa betiee Salomo nyansa, na hwɛ, deɛ ɔkyɛne Salomo ya ha!
Ahonhommɔne saneba
43“Sɛ honhommɔne tutu firi nipa mu kɔ a, okokyinikyini akwaweɛ so sɛ ɔɔpɛ homebea, na sɛ wannya bi a, 44afei ɔka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me fie a mefirii mu he mu.’ Sɛ obeduru hɔ na sɛ obehu sɛ mu da hɔ mpan, na bɛaprapra mu kama asiesie mu a, 45#2 Pe 2:20 ɔkɔ kɔfa ahonhommɔne ahodoɔ nson a bɛ tim ɔdene sene no, na bɛbɛtena mu; na ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he saa nipa he abrabɔ bɛyɛ tane akyɛne n’ahyɛaseɛ. Saa na ɔbɛyɛ nemmafoɔ nnebɔnyɛfoɔ yi.”
Yesu abusua kann
(Marko 3:31-35; Luka 8:19-21)
46 # Mat 13:55 Na ogu so ɔɔkasa kyerɛ nnipadɔm he, ne maame ne ne nuanom begyinaa abɔntene pɛɛ sɛ bɛ ne no kasa. 47Na bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, wo maame ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ bɛ ne wo kasa.” 48#Luk 2:49 Na Yesu buaa deɛ ɔkaa saa he sɛ, “Hwane ne me maame, na hwane ne me nuanom?” 49Na ɔtenee ne nsa n’asuafoɔ he so sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom! 50#Rom 8:29 Na biaa a ɔyɔ m’Agya a ɔya soro he apɛdeɛ he ɔno ne yɛ me nuabeema, me nuabaa ne me maame.”

Currently Selected:

Mateo 12: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ