የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Mateo 10

10
Yesu Asuafoɔ dummienu he
(Marko 6:7-13; Luka 9:1-5)
1Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ dummienu he na ɔmaa bɛ tumi sɛ bɛmfa ntutu ahonhom fi, na bɛnsa yadeɛ ahodoɔ ne honam mmerɛyɛ nyinaa.
2Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane; 3Filipo ne Bartolomeo; Toma ne Mateo a na ɔyɛ togyeni; Alfeo ba Yakobo, ne Tadeo; 4Simon a ofiri Kana, ne Yuda Iskariot a oyii Yesu maeɛ he.
Asuafoɔ dummienu he dwumadie
(Marko 6:7-13; Luka 9:1-6)
5Saa nnipa dummienu yi ne Yesu somaa bɛ hyɛɛ bɛ sɛ, “Hommmane nkɔ Amanamane mufoɔ hɔ, na honnwura Samariafoɔ kuro biaa mu, 6#Mat 15:24; Aso 13:46 na mmom honkɔ Israelfoɔ he mu, nwane a bɛayera he hɔ. 7#Mat 4:17; Luk 10:9Sɛ hokɔ a, hompae mu nka asɛmpa he sɛ, ‘Soro ahennie he abɛne.’ 8#Aso 20:23 Honsa yadeɛ, honyane awufoɔ, homma akwatafoɔ ho mfiri, hontutu ahohommɔne. Honyaa no kwa; nti homfa mma kwa. 9Hommfa sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ, anaa kɔɔbere ngu abɔsoɔ mu, 10#Luk 10:4; 1 Ti 5:18; Num 18:31 hommfa akwantuo bɔtɔ, anaa ntaadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma; na mmom adwumayɔni akatua fata no. 11Kuro anaa akuraa biaa a hobɛkɔ mu he, hommisa deɛ ɔfata a ɔya hɔ, na hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ. 12#Luk 10:5-6 Fie biaa a hobewura mu biaa honkyea. 13Sɛ fie hɔfoɔ gye ho a, homma ho asomdwie mmra bɛ so; na sɛ bɛannye ho a, homma ho asomdwie nsane mmra ho nkyɛne. 14#Luk 10:10-12; Aso 13:51; 18:6 Sɛ bi annye ho anaa wantie ho nsɛm a, hoofiri fie anaa kurom hɔ a homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ na ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ ho apo bɛ. 15#Mat 11:24; Luk 20:47 Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, atemuda he Nyankopɔn behu Sodom ne Gomora mpo mmɔbɔ akyɛne saa kuro he.
Taa ho nkɔmhyɛ
(Marko 13:9-13; Luka 21:12-17)
16 # Luk 10:3; Rom 16:19; Efe 5:15 “Hwɛ, meesoma ho sɛ nnwane akɔ mpataku mfimfini; nti honya nyansa sɛ wɔ, na honyɛ nnipa a ho ho nni asɛm te sɛ mmuburo. 17#Mat 24:9 Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu; 18#Mat 24:14; Aso 25:23; 27:24 na me nti bɛbɛtwe ho akɔ amradofoɔ ne ahemfo anim, na ayɛ adansedie ama bɛ ne Amanamane mufoɔ. 19#Luk 12:11-12 Sɛ beyi ho mma a, honnwene sɛnea hobɛkasa anaa deɛ hobɛka; efiri sɛ bɛde deɛ hobɛka he bɛma ho saa berɛ heaa mu; 20#1 Ko 2:4 na nyɛ ho ne hobɛkasa, na mmom ɔyɛ ho Agya Honhom ne bɛfa ho mu akasa. 21#Mat 10:35 Nua beyi nua ama wuo, na agya ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia awofoɔ ama bɛaku bɛ; 22#Mat 24:9; 24:13 na me dini nti nnipa nyinaa bɛtane ho. Na nea obegyina akosi awieeɛ he, ɔno ne bɛbɛgye no nkwa. 23#Mat 16:28 Sɛ bɛtaa ho kuro baako so a, honwane nkɔ kuro foforɔ so; na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, honnkɔ Israel nkuro nyinaa mu na Nipa Ba he aba.
24 # Luk 6:40; Yoh 13:16; 15:20 “Suani nkyɛne ne kyerɛkyerɛni, saa ara nso ne akoa nkyɛne ne wura; 25#Mat 12:24 ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!
Deɛ ɔsɛ sɛ besuro no
(Luka 12:2-9)
26 # Mar 4:22; Luk 8:17 “Nti honnsuro bɛ; na adeɛ biaa nni hɔ a so akata a bɛmmpa ho ntoma, anaa ahinta a ɔnna adi. 27Deɛ meka kyerɛɛ ho kokoam he, honka no badwam; na deɛ meka guu ho asum he, honnyina adane atifi mmɔ no dawuro. 28#Yak 4:12 Honnsuro bɛ a beku honam nso bentumi nku kra; na mmom honsuro deɛ obetumi asɛe honhom ne honam bronsam gya mu. 29Bɛnntɔno mpatuprɛ mmienu nnye kaprɛ anaa? Nso bɛ mu baako mpo nkwati ho Agya ntɔ fam. 30Na ho tinwii mpo bɛakane ne nyinaa. 31Nti honnsuro; hosom bo sene mpatuprɛ koraa.
32Saa nti biaa a ɔbɛgye me atum nnipa anim he, me nso mɛgye no atum m’Agya a ɔya soro he anim; 33#Luk 9:26 nso deɛ ɔbɛpo me nipa anim he, me nso mɛpo no m’Agya a ɔya soro he anim.
Ko di asomdwie anim
(Luka 12:51-53)
34“Honnwenne sɛ mede asomdwie ne baa asaase so; mammfa asomdwie amma, na mmom mede sekane. 35Na maaba sɛ mede mpaepaemu ɔɔbɛto babeema ne n’agya ntam, babaa ne ne maame ntam, na ase asɔre atia n’ase baa; 36#Mika 7:6 na nipa fiefoɔ bɛyɛ n’atamfoɔ. 37#Deut 33:9; Luk 14:26-27 Biaa a ɔdɔ Agya anaa na kyɛne me he mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani; na biaa a ɔdɔ babeema anaa babaa kyɛne me he nso mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani; 38#Mat 16:24 na biaa a ɔmmfa n’asennua he na onni m’akyi he mfata sɛ ɔbɛyɛ me suani. 39#Luk 17:33; Yoh 12:25 Deɛ ne nsa aka ne kra he, obefiri ne nsa, na bɛ a me nti bɛbɛhwere bɛ kra he bɛ nsa bɛka.
Akatua
40 # Mat 18:5; Luk 10:16; Yoh 13:20 “Biaa a ɔgye ho he gye me, na deɛ ɔgye me he gye deɛ ɔsomaa me he nso. 41Deɛ ɔgye diyifoɔ ya diyifoɔ dini mu he benya diyifoɔ akatua; na deɛ ɔgye nipa tenenee ya nipa tenenee dini mu he benya nipa tenee akatua; 42#Mat 25:40; Mar 9:41 na deɛ ɔbɛma nkumaa yi bi nsuo nnwunu kuruwaa baako mpo he suani dini mu he, nɔkwasɛm ne sɛ n’akatua ɔmmɔ no da.”

Currently Selected:

Mateo 10: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ