የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Luka 9

9
Yesu somaa asuafoɔ dummienu he
(Mateo 10:1-15; Marko 6:7-13)
1Afei Yesu frɛɛ dummienu he nyinaa maa bɛ ahoɔdene ne tumi a bɛde betutu ahonhommɔne nyinaa na bɛde bɛsa yadeɛ nso. 2Na ɔsomaa bɛ sɛ bɛnkɔ pae mu nka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm na bɛnsa yadeɛ, 3na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommfa hwee ntu kwane he, hommfa poma anaa bɔtɔ, paanoo anaa sika; hommfa ntaadeɛ nhyɛaseɛ mmienu nso. 4#Luk 10:5-7 Na fie biaa a hobɛhyɛne mu he, hontena hɔ kosi sɛ hobefiri hɔ akɔ. 5#Luk 10:11 Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.” 6Yei akyi he, besiim kɔɔ nkuraa ase, kaa asɛmpa he na bɛsaa nyarewa baabiaa.
Herode pɛɛ sɛ ohu Yesu
(Mateo 14:1-2; Marko 6:14-16)
7Na Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he tee nnoɔma a ɔɔkɔ so he nyinaa, na ne tim yɛɛ no kesenenee, efiri sɛ na binom ɔɔkeka sɛ bɛanyane Yohane afiri awufoɔ mu, 8na binom nso dɛ Elia aba, na afoforɔ nso dɛ tete adiyifoɔ he mu bi asɔre. 9#Luk 23:8 Herode kaa sɛ. “Maatwa Yohane ti. Afei hwane ne meetete ne ho asɛm sei yi?” Nti ɔhwehwɛɛ sɛ obehu no.
Yesu maa nnipa mpemnum aduane
(Mateo 14:13-21; Marko 6:30-44; Yohane 6:1-13)
10Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu. 11Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ. 12Afei na adeɛ ɔɔsa. Na dummienu he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gya nnipadɔm yi kwane na ama bɛatumi akɔ nkuraa-nkuraa a atwa ahyia he ase akɔpɛ daberɛ ne nnoɔma a behia, efiri sɛ baabi a yɛya yi mmɛne fie.” 13Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma bɛ bibi nni.” Bɛkaa sɛ, “Yenni hwee sɛ paanoo num ne nkyenam mmienu, gye sɛ ebia yɛ ankasa yɛkɔtɔ aduane bra nnipa yi nyinaa.” 14Na bɛbɛyɛ mmeema mpemnum. Nso ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Homma bɛtenatena ase akuoakuo bɛyɛ aduonum aduonum.” 15Na bɛyɔɔ saa maa bɛ nyinaa bɛtenatenaa ase. 16Afei Yesu faa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro hyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ he sɛ bɛmfa nsisi nnipa akuoakuo he anim. 17#2 Ah 4:44 Nti bɛ nyinaa bedidi meeɛ, na berɛ a bɛsesaa aseɛ mproprowa he, benyaa nkɛntɛne dummienu ma ma.
Petro paee mu kaa sɛ Yesu yɛ Nyankopɔn Ba
(Mateo 16:13-28; Marko 8:27—9:1)
18Afei berɛ a na Yesu nkoaa hyɛ baabi ɔɔbɔ mpaeɛ he, asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na obisaa bɛ sɛ, “Nnipakuo he, bɛdɛ me ne hwane?” 19Bebuaa sɛ, “Binom dɛ woyɛ Yohane Suboni; na binom dɛ woyɛ Elia, na binom nso dɛ woyɛ tete adiyifoɔ he mu baako a wasɔre.” 20Afei obisaa bɛ sɛ, “Na ho nso hodɛ me ne hwane?” Petro buaa sɛ, “Wone Kristo a ofiri Nyankopɔn nkyɛne he.”
Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreɛ ho nkɔm
21Na Yesu braa bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa, 22#Luk 9:44; 18:32-33na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”
Ahopakyie
23Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ nyinaa sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, ɔmfa n’asennua na onni m’akyi daa. 24#Luk 17:33; Mat 10:39; Yoh 12:25 Na biaa a ɔpɛ sɛ ne nsa ka ne kra he, ne kra bɛhwere no; nso biaa a me nti ɔbɛhwere ne kra he, bɛbɛgye no nkwa. 25Sɛ nipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a abɛ mfasoɔ koraa ne ya so? 26#Mat 10:33 Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho he, ɔno nso ho bɛyɛ nipa Ba he aniwuo berɛ a mede m’Agya animuonyam bɛba, a abɔfoɔ kronkron ka me ho he. 27Nɔkwasɛm, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛ a begyina ha yi mu bi ya hɔ a bɛnka wuo nhwɛ da kosi sɛ bebehu Nyankopɔn ahennie he.”
Yesu animuonyam hyerɛn
(Mateo 17:1-9; Marko 9:2-9)
28Na afei, nsɛm yi akyi bɛyɛ nnanwɔtwe he, Yesu faa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho foro kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ. 29Na ogu so ɔɔbɔ mpaeɛ he, n’anim tebea sakraeɛ na n’ataadeɛ yɛɛ fitaa hyerɛnhyerɛn. 30Na afei hwɛ, mmeema mmienu ne no bɛkasaeɛ. Saa mmeemaa mmienu yi ne Mose ne Elia. 31#Luk 9:22 Yeinom yii bɛ ho adi animuonyam mu, na bɛkaa ne wuo a otwa sɛ owu Yerusalem he ho asɛm. 32Na aaka Petro ne bɛ a bɛka ne ho he; na berɛ a bɛ ani so tetee bɛ he, behuu n’animuonyam he ne mmeema mmienu a bɛ ne no gyina hɔ he. 33Na berɛ a yeinom oogya ne hɔ akɔ he, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, ɔyɛ sɛ yɛya ha, nti ma yensi apata mmeɛnsa, wo deɛ baako, Mose deɛ baako, Elia nso deɛ baako,” na ɔno deɛ na onnim nea ɔɔka. 34Na berɛ a ɔɔkasa he, mununkum bi ba bɛkataa bɛ so. Berɛ a bɛhyɛ mununkum he mu he, besuroeɛ. 35#Luk 3:22 Na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ. “Yei ne me Ba, nea m’ayi no he, hontie no.” 36Na nne he baeɛ akyi he, behuu Yesu nkoaa. Nso bɛyɛɛ komm a bɛanka nea behuiɛ yi mu biaa ho asɛm ankyerɛ biaa saa nna he mu.
Abɔfra twafoɔ bi ayaresa
(Mateo 17:14-23; Marko 9:14-32)
37Na ɔbaa sɛ adeɛ kyeeɛ he, berɛ a befiri bepɔ he so sianeeɛ he, nnipadɔm bi behyiaa no. 38Na hwɛ, beema bi firi nnipadɔm he mu teaam sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo hwɛ me ba yi, efiri sɛ ɔyɛ me ba koro pɛ, 39na hwɛ, honhom bi ba ne so, na ɔteaam prɛko pɛ, na otwa no hwe fam sensene no ma n’ano pu ahuro, na obu fa so, na ɔha no kyɛre paa ansa na wafiri ne so. 40Na mesrɛɛ w’asuafoɔ he sɛ bentu honhom he mfiri ne so, nso bɛantumi.” 41Yesu buaa sɛ, “Ho saa awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi a honni gyidie, me ne ho ntena na mennya ho ho aboterɛ nkosi da bɛne? Fa wo ba he bra ha.” 42#Luk 7:15 Na abeemaa he ɔɔbɛne Yesu he, honhommɔne he ma otwa hwee fam na ɔsensenee dendenndene. Nso Yesu kaa honhom fĩ he anim, na ɔsaa abeemaa he yadeɛ de no maa ne papa.
Yesu hyɛɛ ne yima ne ne wuo ho nkɔm
43Afei bɛ nyinaa bɛho dwirii bɛ Nyankopɔn tumi kɛseɛ he ho. Na berɛ a nnoɔma a ɔyɔeɛ he nyinaa yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ: 44#Luk 9:22 “Honwɛne ho aso ntie saa nsɛm yi, na otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ adasamma nsa.” 45#Luk 18:34 Nso bɛante saa asɛm yi ase, efiri sɛ na bɛde ahinta bɛ na bɛanhu mu, nso na besuro sɛ bebebisa no asɛm yi ho nkyerɛmu.
Ahobrɛaseɛ ne nuadɔ
(Mateo 18:1-5; Marko 9:33-40)
46Afei akyinyegyeɛ bi sɔree asuafoɔ he mu a na ɔfa deɛ ɔbɛyɛ bɛ mu kɛseɛ ho. 47Berɛ a Yesu huu bɛ akoma mu nsusuiɛ he, ɔfaa abɔfra kumaa bi de no gyinaa ne nkyɛne; 48#Mat 10:40 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”
49Yohane buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yehuu bi a na ɔde wo dini ootu ahonhommɔne na yɛbɔɔ mmɔdene sɛ yebesi no kwane, efiri sɛ ɔnyɛ wo kyidifoɔ.” 50#Luk 11:23; Flp 1:18 Nso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Honnsi no kwane, efiri sɛ nea ɔnsɔre ntia ho he ya ho afã.”
Samariafoɔ atimuɔdenfoɔ
51 # Mar 10:32 Berɛ a nna he ɔɔbɛne ama bɛafa Yesu akɔ soro he, ɔde sii n’ani so dendenndene sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem. 52#Yoh 4:4 Nti otuu abɔfoɔ dii n’anim. Na besii kwane so kɔɔ Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ beekosiesie hɔ ama no; 53nso bɛannye no, efiri sɛ na n’ani kyerɛ Yerusalem. 54#2 Ah 1:10; 1:12 Berɛ a Yakobo ne Yohane a bɛ nso bɛyɛ Yesu asuafoɔ he huu yei he bebisaa sɛ, “Awurade, wopɛ sɛ yɛhyɛ ma gya firi soro bɛtɔre bɛ ase?” 55Nso ɔdane n’ani kaa bɛ anim. 56#Yoh 3:17; 12:47 Afei bɛkɔɔ akuraa foforɔ ase.
Bɛ a bɛɛpɛ bibi ayɔ ansa na bɛadi Kristo akyi
(Mateo 8:19-22)
57Berɛ a bɛnam kwane so he, bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Medi w’akyi akɔ baabiaa a wobɛkɔ biaa.” 58Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na wiem nnomaa wɔ pirebuo, nso Nipa Ba he nni baabi a ɔde ne ti bɛto.” 59Afei ɔka kyerɛɛ foforɔ sɛ, “Di m’akyi.” Beema he kaa sɛ, “Ma me kwane ma menkosie me papa ansa.” 60Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma awufoɔ nsie bɛ awufoɔ, na wo deɛ, kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛm.” 61#1 Ah 19:20 Na foforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, medi w’akyi; nso ma me kwane ma menkɔkra me fiefoɔ ansa.” 62Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa nni hɔ a ɔde ne nsa akɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ nnoɔma a ɔya n’akyi a ɔfata Nyankopɔn ahennie he.”

Currently Selected:

Luka 9: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ