የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Luka 6

6
Homeda sɛeɛ
(Mateo 12:1-8; Marko 2:23-28)
1Na homeda bi duruiɛ he ɔkɔfaa aburofuo bi mu, na n’asuafoɔ he pempanee aburo mmɛtem he bi, posaa no bɛ nsam weeɛ. 2Na Farisifoɔ he bi kaa sɛ, “Mmɛ nti ne hooyɔ nea mmara mma kwane sɛ bɛyɔ no homeda yi?” 3#1 Sa 21:7 Nso Yesu buaa bɛ sɛ, “Honkenkanee nea Dawid yɔeɛ berɛ a kɔm dee ɔne mmeema a bɛka ne ho he? 4#Lew 24:9 Sɛnea ɔkɔɔ Nyankopɔn fie kɔgyee Kyerɛɛ Paanoo a mmara mma kwane sɛ biaa di, gye asɔfoɔ nkoaa, na odiiɛ de bi maa mmeema a bɛka ne ho he?” 5Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nipa Ba he ne homeda he so tumfoɔ.”
Beema bi a ne nsa adwodwo he
(Mateo 12:9-14; Marko 3:1-6)
6Homeda foforɔ duruiɛ he Yesu kɔɔ hyiadane mu, na ofirii aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Na beema bi ya hɔ a na ne nsa nifa adwodwo. 7#Luk 14:1 Nti na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ he ɔɔhwɛ no komm sɛ ebia ɔbɛsa yadeɛ homeda na bɛanya kwane bi afa so abɔ no soboɔ. 8Ewom sɛ na onim bɛ adwene deɛ, nso ɔka kyerɛɛ beema a ne nsa adwodwo he sɛ, “Sɔre gyina mfimfini ha.” Na ɔsɔre gyinaa hɔ. 9Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meebisa ho, nti mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” 10Na ɔhwɛɛ bɛ nyinaa hyiaeɛ he, ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Beema he yɔɔ saa, na ahoɔdene baa ne nsa he mu. 11Na yei maa bɛ ani beree dendenndene, na betuu Yesu ho agyina hwɛɛ nea bɛde bɛyɔ no.
Asuafoɔ dummienu he yie
(Marko 3:13-19)
12Saa nna he mu he Yesu kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mũ he nyinaa. 13#Mat 10:2-4; Aso 1:13Na adeɛ kyeeɛ he, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na ɔpaa bɛ mu dummienu frɛɛ bɛ asomafoɔ; 14Bɛne Simon, a ɔsane frɛɛ no Petro, ne ne nua Andreo, ne Yakobo ne Yohane, ne Filipo ne Bartolomeo, 15ne Mateo ne Toma, ne Alfeo ba Yakobo, ne Simon a bɛfrɛ no Selote, 16Yakobo ba Yuda, ne Yuda Iskariot a ɔbɛyɛɛ bi a oyii Yesu maeɛ he.
Yesu kyerɛkyerɛeɛ, na ɔsaa nyarewa
(Mateo 4:23—5:1; Marko 3:7-12)
17Na ɔne bɛ sane begyinaa baabi a hɔ da so, na n’asuafoɔ pii, ne nnipadɔm a befiri Yudea ne Yerusalem, ne Tiro ne Sidon mpoano nyinaa baa sɛ beebetie no na wasa bɛ yadeɛ. 18Ɔsaa bɛ a honhom fĩ ha bɛ yadeɛ. 19Na nnipadɔm he nyinaa hwehwɛɛ sɛ bɛde bɛ nsa bɛka no, efiri sɛ na tumi firi ne mu ba, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.
Serɛ so asɛnka
(Mateo 5:3-4; 5:6; 5:11-12)
20Na Yesu maa n’ani so kyerɛɛ n’asuafoɔ he firii aseɛ kaa sɛ.
“Nhyira ne ho ahiafoɔ,
efiri sɛ ho ne Nyankopɔn ahennie he yɛ ho dea.
21 # Adi 7:16-17; Dwom 126:5-6; Yes 61:3 “Nhyira ne ho a saa berɛ yi kɔm de ho,
efiri sɛ bɛbɛma hoamee.
“Nhyira ne ho a saa berɛ yi hoosu,
efiri sɛ hobɛsere.
22“Nhyira ne ho sɛ nnipa tane ho, na beyi ho firi nnipa mu, na bɛbɔ ho ahohora, na Nipa Ba he nti, bɛmmɔ ho dini nka asɛm te sɛnea ho dini yɛ akyiwadeɛ. 23Homma ho ani nnye na honni ahurusie saa da he, na hwɛ! Howɔ akatua ya soro, efiri sɛ saa adekoro yiaa ne bɛ agyanom de yɔɔ adiyifoɔ he.
24 # Yak 5:1 “Nso ho adefoɔ honnue,
efiri sɛ hoanya ho awerɛkyekyerɛ nyinaa dada.
25 # Yes 5:22 “Honnue, ho a sesieaa hoamee,
efiri sɛ kɔm bɛde ho.”
“Honnue, ho a sesieaa hoosere,
efiri sɛ ho werɛ bɛho na hoasu.
26 # Yak 4:4; Mika 2:11 “Sɛ nnipa nyinaa ka ho ho asɛmpa a, honnue, efiri sɛ saa ne bɛ agyanom kaa nsɛmpa faa atorɔ adiyifoɔ he ho.
Honnɔ ho atamfoɔ!
(Mateo 5:39-48)
27“Nso meeka akyerɛ ho a hootie yi sɛ, honkɔ so nnɔ ho atamfoɔ, na honyɔ bɛ a bɛtane ho he papa, 28na honhyira bɛ a bɛdome ho, na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛha ho! 29Nea ɔbɔ w’aso fa mu he, dane fã a aaka he nso ma no; na nea ɔfa w’ataadeɛ ngugusoɔ he, mfa ataadeɛ nhyɛaseɛ he nso nkame no. 30Na biaa a obisa wo bibi he, ma no, na nea ɔfa wo nnoɔma he, mmisa no ho asɛm. 31#Mat 7:12 “Afei nso, sɛnea hopɛ sɛ nnipa yɛ ma ho he, honyɔ saa mma afoforɔ nso.
32“Na sɛ hodɔ bɛ a bɛdɔ ho a, abɛ mfasoɔ ne ɔya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo dɔ bɛ a bɛdɔ bɛ. 33Na sɛ hoyɔ papa ma bɛ a bɛyɔ ho papa a, mmɛ mfasoɔ koraa ne ya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo yɔ saa. 34#Lew 25:35-36 Afei nso, sɛ homa bɛ a howɔ anidasoɔ sɛ hobenya bibi afiri bɛ nkyɛne he bosea a, mmɛ mfasoɔ ne ɔya so ma ho? Abɔnefoɔ mpo ma bɛ nuanom abɔnefoɔ bosea na ama bɛanya pii afiri bɛ hɔ. 35Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ. 36Nti honhu biaa mmɔbɔ sɛnea ho Agya hu biaa mmɔbɔ he.
Atenyie bɔne
(Mateo 7:1-5)
37 # Mat 6:14 “Bio nso, hommu atɛne na bɛammu ho atɛne; na hommu fɔ na bɛammu ho fɔ. Homfa nkyɛ na bɛde akyɛ ho. 38#Mar 4:24 Homma na bɛama ho. Susukuruwa pa a bɛamia so, awoso no ama abu so ne bɛde begu ho ntoma mu. Na susukuruwa a hode susu ma nkurofoɔ he, ɔnoaa ne bɛde besusu ama ho.”
39 # Mat 15:14 Afei nso ɔmaa bɛ mfantoho bi sɛ. “Nti nifirani betumi akyerɛ nifirani kwane? Sɛ ɔba saa a bɛ mmienu nyinaa bɛnkɔtɔ amena mu anaa? 40#Mat 10:24-25; Yoh 15:20 Suani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, nso biaa a wasua bibi ahu he bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ. 41Sɛ ɔte saa a, mmɛ nti ne wohwɛ mfrɛ a ɔda wo nua ani so, na wunhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so mmom? 42Ɔbɛyɛ dɛ na woatumi aka akyerɛ wo nua sɛ, ‘Me nua, ma menyi mfrɛ a ɔda w’ani so yi mma wo,’ berɛ a wonhu mpuna a ɔda w’ankasa w’ani so he mpo? Nyaatwomni! Di kane yi w’ankasa w’ani so mpuna he, na wobehu sɛnea wobeyi mfrɛ a ɔda wo nua ani so he.
43“Na dua pa biaa nso aba bɔne; saa ara nso ne dua bɔne biaa nso aba pa. 44Na dua biaa aba ne bɛde hu dua pɔtee a ɔyɛ. Bɛntete borɔdoma mfiri nkasɛe so, na bentwa bobe mfiri nwerɛ so. 45Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.
Fapem ahodoɔ mmienu he
46 # Mal 1:6 “Mmɛ nti ne hofrɛ me ‘Awurade, Awurade,’ nso honyɔ nea meka yi? 47Biaa a ɔba me nkyɛne na ɔte me nsɛm na ɔyɔ he, mɛkyerɛ ho sɛnea ɔteɛ. 48Ɔte sɛ beema bi a oosi dane, a otutuu fam kɔɔ akyire na ɔtoo fapem botane so. Nti, berɛ a nsuo hyiriiɛ he, ɔbɛbɔɔ dane he, nso antumi anwoso no, efiri sɛ besii no yie. 49Nso, nea ɔte me nsɛm na ɔnyɔ he, ɔte sɛ beema bi a osii ne dane sii asaase so a wanto fapem. Na nsuo hyiri bɛbɔɔ no, na dane he bubuu ntɛmaa, na ɔsɛe koraa.”

Currently Selected:

Luka 6: BBTP

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ