የYouVersion አርማ
የፍለጋ አዶ

Gyenesis 15

15
Onyankopɔn de ɔba hyɛ Abram bɔ
1 # Dwom 3.3; 84.11; 119.114 Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii.
2Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa? 3Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛdi m’adeɛ.
4Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔbɛdi w’adeɛ, na deɛ ɔbɛfiri wo ara w’asene mu na ɔbɛdi w’adeɛ. 5#Gye 22.17; Eks 32.13; Deut 1.10 Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no.
6 # Rom 4.3-5, 18-22; Yak 2.23 Na Abram gyee AWURADE diiɛ, na ɔbuu yei sɛ tenenee maa no. 7#Gye 11.31 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ. 8#2 Ah 20.8; Luk 1.18 Na ɔbisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya? 9Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me. 10#Yer 34.18-19 Na ɔde yei nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. 11Na nnomaa a wɔdi nam bɛsisii mmoa afunu no so, na Abram pamm wɔn. 12#Hiob 4.13-14 Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu sum kabii duruu no. 13#Eks 12.40; Aso 7.6 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan. 14#Eks 3.21-22 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ. 15Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu. 16Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui.
17Na owia tɔeɛ na esum kusuu duruiɛ no, hwɛ, biribi a ɛte sɛ gyaframa a ɛrefiri wisie ne tɛnee a ɛredɛre bɛfaa afaafa no ntam. 18#Gye 12.7 Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho: 19#Gye 10.15-18 Kenifoɔ, Kenisifoɔ, Kadmonifoɔ, 20#Num 13.33 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, 21Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ.

Currently Selected:

Gyenesis 15: ASWDC

ማድመቅ

Share

Copy

None

ያደመቋቸው ምንባቦች በሁሉም መሣሪያዎችዎ ላይ እንዲቀመጡ ይፈልጋሉ? ይመዝገቡ ወይም ይግቡ