1
Luka 13:24
Twerɛ Kronkron
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mompere nhyɛne ɛpono teateaa no mu! Na mese mo sɛ: Nnipa pii bɛhwehwɛ mu ahyɛne, na wɔrentumi.
對照
Luka 13:24 探索
2
Luka 13:11-12
Na hwɛ, na ɔbaa bi wɔ hɔ a ɔwɔ ahoɔmmerɛ honhom mfirinhyia dunwɔtwe, na wapono a ɔntumi ntene ne mu koraa mpo. Na Yesu hunuu no no, ɔfrɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Ɔbaa wɔasane wo afiri w’ahoɔmmerɛ mu.
Luka 13:11-12 探索
3
Luka 13:13
Na ɔde ne nsa guu ne so, na amonom hɔ ara ɔtenee, na ɔyii Onyankopɔn ayɛ.
Luka 13:13 探索
4
Luka 13:30
Na hwɛ, akyikafoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛdi kan, na adikanfoɔ bi wɔ hɔ a wɔbɛka akyire.
Luka 13:30 探索
5
Luka 13:25
Ɛfiri berɛ a efiewura no bɛsɔre ato pono mu no ara na mobɛfiri aseɛ agyina akyire, na moabɔ ɛpono no mu sɛ: Owura, hini yɛn! Na ɔbɛbua mo sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire.
Luka 13:25 探索
6
Luka 13:5
Mese mo sɛ: Ɛnte saa, na mmom sɛ moansakyera mo adwene a, mo nyinaa bɛyera saa ara.
Luka 13:5 探索
7
Luka 13:27
Na ɔbɛka sɛ: Mo deɛ, mennim deɛ mofire. Momfiri me so, mo a moyɛ deɛ ɛntene nyinaa!
Luka 13:27 探索
8
Luka 13:18-19
Na ɔkaa sɛ: Adeɛ bɛn na Nyankopɔn ahennie sɛ no anaasɛ ɛdeɛn ho na mede bɛtoɔ? Ɛte sɛ sinapi fua a onipa fa kɔduaa wɔ ne turom; na ɛnyinii, na ɛyɛɛ dua, na ewiem nnomaa bɛsisii ne mman so.
Luka 13:18-19 探索
主頁
聖經
計劃
影片