1
Gyenesis 18:14
Twerɛ Kronkron
Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.
對照
Gyenesis 18:14 探索
2
Gyenesis 18:12
Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ?
Gyenesis 18:12 探索
3
Gyenesis 18:18
Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.
Gyenesis 18:18 探索
4
Gyenesis 18:23-24
Na Abraham twe bɛn bisaa sɛ: Wobɛpra ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ abom agu anaa? Sɛ ebia sɛsɛɛ ateneneefoɔ aduonum wɔ kuro no mu a, anka wobɛpra wɔn agu a ateneneefoɔ aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa kuro no ho nkyɛ wɔn anaa?
Gyenesis 18:23-24 探索
5
Gyenesis 18:26
Na AWURADE kaa sɛ: Sɛ mehunu ateneneefoɔ aduonum Sodom kuro mu a, wɔn nti mede kuro no nyinaa ho bɛkyɛ wɔn.
Gyenesis 18:26 探索
主頁
聖經
計劃
影片