1
Yohane 16:33
KYERƐW KRONKRON
Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.
Karşılaştır
Yohane 16:33 keşfedin
2
Yohane 16:13
Na sɛ ɔno, nokware Honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba.
Yohane 16:13 keşfedin
3
Yohane 16:24
Ɛde bedu sesɛɛ de, monsrɛɛ biribi me din mu ɛ; monsrɛ, na mubenya, na mo anigye awie pɛyɛ.
Yohane 16:24 keşfedin
4
Yohane 16:7-8
Na meka mo nokware, eye ma mo sɛ mekɔ. Na sɛ mankɔ a, Okyigyinafo no remma mo nkyɛn; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na ɔno de, sɛ ɔba a, obeyi wiase ntɛn bɔne ne trenee ne atemmu ho!
Yohane 16:7-8 keşfedin
5
Yohane 16:22-23
Na mo nso, afei de, mowɔ awerɛhow; na mehu mo bio, na mo koma bɛtɔ mo yam, na mo anigye no, obi rennye mo nsam. Na da no moremmisa me biribiara. Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde bɛma mo.
Yohane 16:22-23 keşfedin
6
Yohane 16:20
Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Mubesu na moatwa adwo, na wiasefo ani begye; na mo de, mo werɛ bɛhow; nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye.
Yohane 16:20 keşfedin
Ana Sayfa
Kutsal Kitap
Okuma Planları
Videolar