1
Yohane 14:27
KYERƐW KRONKRON
Asomdwoe na mede migyaw mo, m’asomdwoe na mede mema mo; ɛnyɛ sɛnea wiase ma na mema mo. Mommma mo koma nntutu, nanso mommma no mmɔ mo hu!
Karşılaştır
Yohane 14:27 keşfedin
2
Yohane 14:6
Yesu see no sɛ: Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma Agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.
Yohane 14:6 keşfedin
3
Yohane 14:1
Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.
Yohane 14:1 keşfedin
4
Yohane 14:26
na okyigyinafo a ɔne Honhom Kronkron a m’Agya bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma nyinaa, na ɔbɛkae mo nea maka mo nyinaa.
Yohane 14:26 keşfedin
5
Yohane 14:21
Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no.
Yohane 14:21 keşfedin
6
Yohane 14:16-17
Na me de, mebisa agya no, na wama mo Okyigyinafo foforo, na ɔne mo abɛtena daa: nokware honhom a wiase ntumi nnye no no, efisɛ enhu no, nanso ennim no; na mo de, munim no, efisɛ ɔte mo nkyɛn, na ɔbɛtena mo mu.
Yohane 14:16-17 keşfedin
7
Yohane 14:13-14
Na biribiara a mobɛsrɛ me din mu no, ɛno na mɛyɛ, na Agya no anya anuonyam ɔba no mu. Sɛ mobɛsrɛ biribi me din mu a, me de, mɛyɛ.
Yohane 14:13-14 keşfedin
8
Yohane 14:15
Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so!
Yohane 14:15 keşfedin
9
Yohane 14:2
Tenabea pii wɔ m’agya ofi; sɛ ɛnte saa a, anka mɛka makyerɛ mo sɛ merekɔ makosiesie baabi mama mo anaa?
Yohane 14:2 keşfedin
10
Yohane 14:3
Na sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.
Yohane 14:3 keşfedin
11
Yohane 14:5
Toma see no sɛ: Awurade, yennim faako a worekɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yebetumi ahu kwan?
Yohane 14:5 keşfedin
Ana Sayfa
Kutsal Kitap
Okuma Planları
Videolar