Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie? Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”
Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.