1
Asomafoɔ 2:38
Asante Twi Nkwa Asɛm
Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
Karşılaştır
Asomafoɔ 2:38 keşfedin
2
Asomafoɔ 2:42
Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
Asomafoɔ 2:42 keşfedin
3
Asomafoɔ 2:4
Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.
Asomafoɔ 2:4 keşfedin
4
Asomafoɔ 2:2-4
Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma. Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako. Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.
Asomafoɔ 2:2-4 keşfedin
5
Asomafoɔ 2:46-47
Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
Asomafoɔ 2:46-47 keşfedin
6
Asomafoɔ 2:17
“ ‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
Asomafoɔ 2:17 keşfedin
7
Asomafoɔ 2:44-45
Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.
Asomafoɔ 2:44-45 keşfedin
8
Asomafoɔ 2:21
Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’
Asomafoɔ 2:21 keşfedin
9
Asomafoɔ 2:20
Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
Asomafoɔ 2:20 keşfedin
Ana Sayfa
Kutsal Kitap
Okuma Planları
Videolar