1
Gyenesis 37:5
KYERƐW KRONKRON
Na Yosef soo dae, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom, na wokyii no sen kan no.
ஒப்பீடு
Gyenesis 37:5 ஆராயுங்கள்
2
Gyenesis 37:3
Na esiane sɛ: Yosef yɛ ne nkwakoraa bere mu ba nti, Israel dɔ no sen ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛɛfɛ bi maa no.
Gyenesis 37:3 ஆராயுங்கள்
3
Gyenesis 37:4
Na ne nuanom hui sɛ wɔn agya dɔ no sen wɔn anuanom nyinaa no, wokyii no, na wɔamfa abodwo ne no ankasa.
Gyenesis 37:4 ஆராயுங்கள்
4
Gyenesis 37:9
Na ɔsoo dae foforo bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso dae bio, na hwɛ, owia ne ɔsram ne nsoromma dubiako akotow me.
Gyenesis 37:9 ஆராயுங்கள்
5
Gyenesis 37:11
Na ne nuanom ani beree no; na n'agya de, ɔde asɛm no siei.
Gyenesis 37:11 ஆராயுங்கள்
6
Gyenesis 37:6-7
Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Muntie ɔdae a maso yi: Na hwɛ, yɛrekyekyere awi afiafi wɔ afum, na hwɛ, me afi no sɔre gyinae kyerebenn, na hwɛ, mo afiafi atwa ho ahyia, na ɛkotow me afi no.
Gyenesis 37:6-7 ஆராயுங்கள்
7
Gyenesis 37:20
Afei mommra mma yenkum no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ nea ne dae no bewie.
Gyenesis 37:20 ஆராயுங்கள்
8
Gyenesis 37:28
Na Midianfo aguadifo bi bɛsenee. Na wɔtwetwee Yosef yii no fii abura no mu, na wɔtɔn Yosef maa Ismaelfo no gyee nnwetɛbona aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim.
Gyenesis 37:28 ஆராயுங்கள்
9
Gyenesis 37:19
Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaesofo no na ɔreba no.
Gyenesis 37:19 ஆராயுங்கள்
10
Gyenesis 37:18
Na wohuu no wɔ akyirikyiri. Na onnya nnuu wɔn nkyɛn no, wɔpam ne tiri so sɛ wobekum no.
Gyenesis 37:18 ஆராயுங்கள்
11
Gyenesis 37:22
Na ose: Munnhwie mogya nngu, na momfa no nto sare so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔyɛɛ saa na anka wayi no afi wɔn nsam de no asan akɔma n'agya.
Gyenesis 37:22 ஆராயுங்கள்
முகப்பு
வேதாகமம்
வாசிப்புத் திட்டங்கள்
காணொளிகள்