1
Luka 17:19
New Revised Asante Twi Bible
Na ɔsee no sɛ: Sɔre kɔ, wo gyidie agye wo.
Porovnať
Preskúmať Luka 17:19
2
Luka 17:4
Na sɛ ɔfom wo mprɛnson da koro, na ɔsane ba wo nkyɛn mprɛnson ka sɛ: Masakyera m’adwene a, fa kyɛ no!
Preskúmať Luka 17:4
3
Luka 17:15-16
Na wɔn mu baako hunuu sɛ ne ho asan no no, ɔsanee n’akyi de nne kɛseɛ bɛyii Onyankopɔn ayɛ, na ɔde n’anim butuu fam wɔ ne nan ase daa no ase. Ɔno deɛ, na ɔyɛ Samariani.
Preskúmať Luka 17:15-16
4
Luka 17:3
Monhwɛ mo ho yie! Na sɛ wo nua fom a, ka n’anim; na sɛ ɔsakyera n’adwene a, fa kyɛ no!
Preskúmať Luka 17:3
5
Luka 17:17
Na Yesu buaa sɛ: Ɛnyɛ du no na wɔn ho fiiɛ? Na baakron no deɛ, wɔwɔ he?
Preskúmať Luka 17:17
6
Luka 17:6
Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.
Preskúmať Luka 17:6
7
Luka 17:33
Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa.
Preskúmať Luka 17:33
8
Luka 17:1-2
Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Ɛdane sɛ deɛn ara a, suntiduatoɔ bɛba deɛ, nanso deɛ ɛnam ne so bɛba no nnue! Anka ɛyɛ ma no sɛ wɔde ayuyammoɔ kyekyere ne kɔn mu kɔto no twene ɛpo mu sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako suntidua.
Preskúmať Luka 17:1-2
9
Luka 17:26-27
Na sɛdeɛ ɛyɛɛ Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ Onipa Ba no nna mu. Wɔdidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa awadeɛ de kɔsii da a Noa hyɛnee adaka no mu, na nsuyire no baeɛ, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.
Preskúmať Luka 17:26-27
Domov
Biblia
Plány
Videá