1
Gyenesis 27:28-29
Twerɛ Kronkron
Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo ne asase mu sradeɛ bi, ne aburoo ne nsa pii. Aman nsom wo, na nkurɔfoɔ nkoto wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkoto wo. Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ, na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.
Porovnať
Preskúmať Gyenesis 27:28-29
2
Gyenesis 27:36
Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me?
Preskúmať Gyenesis 27:36
3
Gyenesis 27:39-40
Na n’agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu ne deɛ ɔsoro bosuo yɛ so na so na wobɛtena. Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a, wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.
Preskúmať Gyenesis 27:39-40
4
Gyenesis 27:38
Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.
Preskúmať Gyenesis 27:38
Domov
Biblia
Plány
Videá