1
Gyenesis 27:28-29
KYERƐW KRONKRON
Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosu ne asase srade bi, ne aburow ne nsa pii. Aman nsom wo, na nkurɔfo nkotow wo. Yɛ wo nuanom so wura, na wo na mma nkotow wo. Wɔadome wɔn a wɔdome wo, na wɔahyira wɔn a wohyira wo.
Compară
Explorează Gyenesis 27:28-29
2
Gyenesis 27:36
Na ose: So ne din ne Yakob anaa? Mpɛn abien ni a watoto m'anan mu. Wafa me panyin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ose: So woamfa nhyira bi ansie me?
Explorează Gyenesis 27:36
3
Gyenesis 27:39-40
Na n'agya Isak bua see no sɛ: Hwɛ, asase a srade nni mu ne nea ɔsoro bosu yɛ so na no so na wobɛtena. Wo nkrante so na wonam bɛtena ase, na wobɛsom wo nua. Nanso ɛbɛba sɛ, wobɔ mmɔden kenten wo ho a, wubeyi ne kɔndua afi wo kɔn so.
Explorează Gyenesis 27:39-40
4
Gyenesis 27:38
Na Esau ka kyerɛɛ n'agya sɛ: M'agya, so nhyira biako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m'agya. Na Esau maa ne nne so sui.
Explorează Gyenesis 27:38
Acasă
Biblia
Planuri
Videoclipuri