1
Eksodɔs 13:21-22
Twerɛ Kronkron
Na AWURADE dii wɔn anim, awia, mununkum dum mu, sɛ ɔrekyerɛ wɔn kwan, na anadwo, ogya dum mu, sɛ ɔrema wɔn hann, na wɔnante awia ne anadwo. Na mununkum dum no antwe ne ho na ogya dum no antwe ne ho anadwo amfiri ɔman no anim.
Compare
Explore Eksodɔs 13:21-22
2
Eksodɔs 13:17
Na Farao maa ɔman no kwan no, Onyankopɔn amfa wɔn ankɔfa Filistifoɔ asase so kwan a ɛnwareɛ no, ɛfiri sɛ Onyankopɔn se: Na ɔman no ankɔhyia ɔsa annu wɔn ho, na wɔansane ankɔ Misraim.
Explore Eksodɔs 13:17
3
Eksodɔs 13:18
Enti Onyankopɔn de ɔman no konton faa ɛserɛ so kwan a ɛda Mmɛwa Po ho no so. Na Israelfoɔ no kaa ntoa firii Misraim asase so kɔe.
Explore Eksodɔs 13:18
Home
Bible
Plans
Videos