1
Gyenesis 3:6
Twerɛ Kronkron
Na ɔbaa no hunuu sɛ dua no yɛ sɛ wɔdie, na ɛyɛ aniwa fɛ, ɛyɛ akɔnnɔ, na ɛbɛte ani, enti ɔtee n’aba bi, na ɔdii, na ɔde bi maa ne kunu a ɔka ne ho no nso, na ɔdii.
Bandingkan
Selidiki Gyenesis 3:6
2
Gyenesis 3:1
Na ɔwɔ yɛ aniteɛ kyɛne wiram mmoadoma a AWURADE Nyankopɔn yɛɛ wɔn nyinaa. Na ɔbisaa ɔbaa no sɛ: Ampa ara sɛ Onyankopɔn aka akyerɛ mo sɛ: Monnni turom ha nnua nyinaa bi?
Selidiki Gyenesis 3:1
3
Gyenesis 3:15
Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.
Selidiki Gyenesis 3:15
4
Gyenesis 3:16
Ɔbaa no deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma wo yea ne wo nyinsɛn mu brɛ adɔɔso. Yea mu na wobɛwo mma, na w’ani bɛgyina wo kunu, na ɔno na ɔbɛdi wo soɔ.
Selidiki Gyenesis 3:16
5
Gyenesis 3:19
W’anim fifire mu na wobɛdidie de akɔsi sɛ wobɛsane akɔ dɔteɛ mu, ɛfiri sɛ emu na wɔyii wo firiiɛ; na woyɛ dɔteɛ, na dɔteɛ mu na wobɛsane akorɔ.
Selidiki Gyenesis 3:19
6
Gyenesis 3:17
Na Adam deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woatie wo yere nne, na woadi dua a mehyɛɛ wo sɛ nnie no bie nti, wo nti wɔadome asase. Yea mu na wobɛdidi soɔ wo nkwa nna nyinaa.
Selidiki Gyenesis 3:17
7
Gyenesis 3:11
Na ɔbisaa no sɛ: Hwan na ɔka kyerɛɛ wo sɛ woda adagya? Dua a mehyɛɛ wo sɛ nni bie no na woadie yi?
Selidiki Gyenesis 3:11
8
Gyenesis 3:24
Na ɔpamm onipa no, na ɔde Kerubim ne ogyaframa afena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueeɛ fam sɛ wɔnwɛn ɔkwan a ɛde kɔ nkwa dua no ho no.
Selidiki Gyenesis 3:24
9
Gyenesis 3:20
Na Adam no too ne yere din Hawa, ɛfiri sɛ ɔno na ɔyɛ ateasefoɔ nyinaa na.
Selidiki Gyenesis 3:20
Halaman Utama
Alkitab
Pelan
Video