1
1 Mose 45:5
Akuapem Twi Nkwa Asɛm
Mommma biribiara nhaw mo. Na monnkasakasa so sɛ motɔn me ma wɔde me baa ha. Onyankopɔn na ɔyɛe. Ɔno na ɔsomaa me, dii mo anim baa ha sɛ mimmegye mo nkwa.
तुलना करा
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:5
2
1 Mose 45:8
“Enti ɛnyɛ mo na mode me baa ha, na ɛyɛ Onyankopɔn ankasa! Wayɛ me Farao fotufo ne ne fi sohwɛfo, na ɔde Misraiman nyinaa nso ahyɛ me nsa.
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:8
3
1 Mose 45:7
Onyankopɔn asoma me ha sɛ memma mo ne mo fifo ntena nkwa mu, na moayɛ ɔman kɛse.
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:7
4
1 Mose 45:4
Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Montwiw mmɛn me.” Wotwiw bɛn no no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene mo nuabarima Yosef. Me na motɔn me ma wɔde me kɔɔ Misraim no.
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:4
5
1 Mose 45:6
Mfe abien ni a ɔkɔm baa asase yi so. Mfe anum a ɛreba yi nso, obiara rennua, na obiara nso rentwa.
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:6
6
1 Mose 45:3
Yosef ka kyerɛɛ ne nuabarimanom no se, “Mene Yosef! Mʼagya te ase ana?” Nanso asɛm no bɔɔ wɔn piriw ma wɔtotɔɔ mum wɔ nʼanim.
एक्सप्लोर करा 1 Mose 45:3
मुख्य
बायबल
योजना
व्हिडिओ