1
1 Mose 18:14
Asante Twi Nkwa Asɛm
Biribi boro AWURADE ahoɔden so sɛ ɔbɛyɛ? Afe sɛsɛɛ a mɛsane aba sɛdeɛ mahyɛ wo ho bɔ no, na wo yere Sara awo ɔbabarima.”
Харьцуулах
1 Mose 18:14 г судлах
2
1 Mose 18:12
Sara tee asɛm no, ɔseree ne tirim, kaa sɛ, “Manya awie aberewabɔ, na me kunu nso abɔ akɔkoraa yi, ɛbɛyɛ sɛn na manya saa anigyedeɛ yi?”
1 Mose 18:12 г судлах
3
1 Mose 18:18
Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ Abraham bɛyɛ ɔman kɛseɛ a ɛwɔ tumi. Na ɛnam Abraham so na wɔbɛhyira amanaman a ɛwɔ asase so nyinaa.
1 Mose 18:18 г судлах
4
1 Mose 18:23-24
Afei, Abraham twe bɛn Onyankopɔn bisaa no sɛ, “Wobɛsɛe nnipa tenenee ne nnipa bɔnefoɔ nyinaa afra anaa? Na sɛ nnipa tenenee aduonum wɔ kuro no mu a wobɛsɛe kuro no a worenhwɛ saa nnipa tenenee aduonum no ho nnyae kuro no sɛeɛ?
1 Mose 18:23-24 г судлах
5
1 Mose 18:26
Na AWURADE kaa sɛ, “Sɛ mehunu nnipa tenenee aduonum wɔ Sodom kuro no mu a, wɔn enti, merensɛe kuro no.”
1 Mose 18:26 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео