1
Yohane 19:30
New Revised Asante Twi Bible
Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.
Харьцуулах
Yohane 19:30 г судлах
2
Yohane 19:28
Yei akyiri a Yesu hunuu sɛ wɔanya awie nnoɔma nyinaa no, (sɛdeɛ ɛbɛyɛ na twerɛsɛm no aba mu nti), ɔkaa sɛ: Osukɔm de me.
Yohane 19:28 г судлах
3
Yohane 19:26-27
Na Yesu hunuu ne na ne osuani a ɔdɔ no no sɛ ɔgyina hɔ no, ɔsee ne na sɛ: Ɔbaa, hwɛ, wo ba ni! Afei ɔsee osuani no sɛ: Hwɛ, wo na nie! Na ɛfiri dɔn no ara mu no, osuani no de no kɔɔ ɔno ara ne fie.
Yohane 19:26-27 г судлах
4
Yohane 19:33-34
Na wɔduruu Yesu soɔ na wɔhunuu sɛ wawu dada no, wɔammubu ne nnyawa. Na asraafoɔ no mu baako de pea wɔɔ ne mfe mu, na ntɛm ara na mogya ne nsuo firii mu baeɛ.
Yohane 19:33-34 г судлах
5
Yohane 19:36-37
Na wɔyɛɛ yeinom na twerɛsɛm a ɛse: Wɔmmmu ne dompe bi, no aba mu. Na bio twerɛsɛm foforɔ se: Wɔbɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ no (pea) no.
Yohane 19:36-37 г судлах
6
Yohane 19:17
Na ɔso n’asɛnnua firii adi kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Tikwankoraabea a Hebri mu wɔfrɛ no Golgota.
Yohane 19:17 г судлах
7
Yohane 19:2
Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so
Yohane 19:2 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео