1
Yohane 15:5
New Revised Asante Twi Bible
Mene bobe no, mone mman no. Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔno ara na ɔso aba pii; na mokwati me a, montumi nyɛ hwee.
Харьцуулах
Yohane 15:5 г судлах
2
Yohane 15:4
Montena me mu, na me nso mentena mo mu: Sɛdeɛ ban ntumi mfiri ɔno ara mu nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara nso na montumi, gye sɛ motena me mu.
Yohane 15:4 г судлах
3
Yohane 15:7
Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mobɛsrɛ biribiara a mopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.
Yohane 15:7 г судлах
4
Yohane 15:16
Ɛnyɛ mo na moayi me, na me na mayi mo, na mede mo masi hɔ sɛ monkɔ, na monkɔso aba, na mo aba no ntena hɔ, na biribiara a mobɛsrɛ Agya no me din mu no, ɔde ama mo.
Yohane 15:16 г судлах
5
Yohane 15:13
Obi nni dɔ kɛseɛ a ɛsene yei, sɛ obi de ne nkwa bɛto hɔ ama ne nnamfo.
Yohane 15:13 г судлах
6
Yohane 15:2
Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree.
Yohane 15:2 г судлах
7
Yohane 15:12
Yei ne m’ahyɛdeɛ, sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔɔ mo no.
Yohane 15:12 г судлах
8
Yohane 15:8
Yei mu na wɔahyɛ m’Agya animuonyam, sɛ moso aba pii; ɛno na mobɛyɛ m’asuafoɔ.
Yohane 15:8 г судлах
9
Yohane 15:1
Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.
Yohane 15:1 г судлах
10
Yohane 15:6
Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.
Yohane 15:6 г судлах
11
Yohane 15:11
Maka yeinom nyinaa makyerɛ mo, na m’anigyeɛ atena mo mu, na mo anigyeɛ awie pɛyɛ.
Yohane 15:11 г судлах
12
Yohane 15:10
Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛdeɛ madi m’Agya ahyɛdeɛ soɔ na mete ne dɔ mu no.
Yohane 15:10 г судлах
13
Yohane 15:17
Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.
Yohane 15:17 г судлах
14
Yohane 15:19
Sɛ mofiri wiase a, anka wiase bɛdɔ ɔno ara ne deɛ; na sɛ momfiri wiase na mayi mo afiri wiase yi, yei nti na wiase tane mo.
Yohane 15:19 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео