1
Yohane 11:25-26
New Revised Asante Twi Bible
Yesu see no sɛ: Mene owusɔreɛ ne nkwa; deɛ ɔgye me die no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛnya nkwa. Na obiara a ɔte ase na ɔgye me die no renwu da. Wogye yei di anaa?
Харьцуулах
Yohane 11:25-26 г судлах
2
Yohane 11:40
Yesu see no sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ wogye di a, wobɛhunu Nyankopɔn animuonyam?
Yohane 11:40 г судлах
3
Yohane 11:35
Yesu sui.
Yohane 11:35 г судлах
4
Yohane 11:4
Na Yesu teeɛ no, ɔkaa sɛ: Yadeɛ yi nyɛ owuo yadeɛ, na Nyankopɔn animuonyam ntira, sɛ wɔbɛfa so ahyɛ Nyankopɔn Ba no animuonyam.
Yohane 11:4 г судлах
5
Yohane 11:43-44
Na ɔkaa saa no, ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Lasaro, firi bra! Na deɛ wawuo no firii adi, ɛda no mu, ntoma kyekyere ne nan ne ne nsa, na duku kyekyere n’anim. Na Yesu see wɔn sɛ: Monsane no, na momma no nkɔ.
Yohane 11:43-44 г судлах
6
Yohane 11:38
Ɛnna Yesu guu ahome ne mu bio, na ɔbaa ɛda no so; ɛyɛ ɔbodan, na ɔboɔ hini ano.
Yohane 11:38 г судлах
7
Yohane 11:11
Ɔkaa yeinom, na ɛno akyiri no, ɔsee wɔn sɛ: Yɛn adamfo Lasaro ada; na merekɔ makɔnyane no.
Yohane 11:11 г судлах
Нүүр хуудас
Библи
Тѳлѳвлѳгѳѳ
Видео