1
Gyenesis 4:7
KYERƐW KRONKRON
Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.
ប្រៀបធៀប
រុករក Gyenesis 4:7
2
Gyenesis 4:26
Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.
រុករក Gyenesis 4:26
3
Gyenesis 4:9
Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na Kain buae sɛ: Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?
រុករក Gyenesis 4:9
4
Gyenesis 4:10
Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.
រុករក Gyenesis 4:10
5
Gyenesis 4:15
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a obekum Kain no, wobedi ne were ahorow asɔn. Na AWURADE yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain, na obiara a obehu no no ankum no.
រុករក Gyenesis 4:15
ទំព័រដើម
ព្រះគម្ពីរ
គម្រោងអាន
វីដេអូ