1
Gyenesis 25:23
KYERƐW KRONKRON
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Aman abien na ɛwɔ wo yam, na nnipa baanu a wobɛwo wɔn no, bɛtetew wɔn ho mu, afi wo yafunu mu. Na ɔman no biako bedi biako so, na ɔpanyin no bɛsom akumaa no.
Vertaa
Tutki Gyenesis 25:23
2
Gyenesis 25:30
Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me ade kɔkɔɔ yi bi minni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)
Tutki Gyenesis 25:30
3
Gyenesis 25:21
Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, efisɛ ɔyɛ obonin, na AWURADE tiee n'adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.
Tutki Gyenesis 25:21
4
Gyenesis 25:32-33
Na Esau kae sɛ: Hwɛ, owu na merebewu yi, na ɔpanyin yi bɛyɛ me dɛn? Na Yakob kae sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panyin maa Yakob.
Tutki Gyenesis 25:32-33
5
Gyenesis 25:26
Na ɛno akyi no, ne nua no fi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob. Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfe aduosia.
Tutki Gyenesis 25:26
6
Gyenesis 25:28
Na Isak dɔ Esau, efisɛ ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka de ɔdɔ Yakob.
Tutki Gyenesis 25:28
Koti
Raamattu
Suunnitelmat
Videot