1
Mateo 28:19-20
Apam Foforɔ
Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu, na honkyerɛkyerɛ bɛ sɛ benni deɛ mahyɛ ho nyinaa so. Na hwɛ, me ne ho ya hɔ nna nyinaa de kosi wiase awieeɛ.”
Comparar
Explorar Mateo 28:19-20
2
Mateo 28:18
Na Yesu ba bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Bɛde soro ne asaase so tumi nyinaa ama me.
Explorar Mateo 28:18
3
Mateo 28:5-6
Nso bɔfoɔ he ka kyerɛɛ mmaa he sɛ, “Honnsuro! Na menim sɛ hoohwehwɛ Yesu a bɛbɔɔ no asennua mu he. Onni ha, na wanyane sɛdeɛ ɔkaeɛ he. Hommra mmɛhwɛ baabi a na ɔda!
Explorar Mateo 28:5-6
4
Mateo 28:10
Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”
Explorar Mateo 28:10
5
Mateo 28:12-15
Na berɛ a bɛ ne mpanyimfoɔ he hyiaeɛ he betuu agyina bɔɔ pɔ maa awɛmfoɔ he sika kɛseɛ ka kyerɛɛ bɛ sɛ “Honka sɛ, ‘Anadwo a na yɛadeda he ne n’asuafoɔ he bewiaa no.’ Na sɛ Amrado he te yei a, yɛbɛkyerɛ no mu na ho ho anka adwaam.” Nti bɛgyee sika he, ne bɛkɔyɔɔ sɛdeɛ bɛhyɛɛ bɛ he. Na asɛm yi atrɛ Yudafoɔ mu de besi nnɛ.
Explorar Mateo 28:12-15
Inicio
Biblia
Planes
Vídeos