Na sɛdeɛ Noa nna he yɛeɛ he, saa ne Nipa Ba he so maeɛ bɛ yɛ. Saa mmerɛ he, ansa na nsuhyiri he ɔɔba he, nnipa didiiɛ, na bɛnomeeɛ, mmeema wareeɛ na bɛde maa maa awareɛ, kosii sɛ Noa wuraa adaka he mu. Na bɛanhu hwee kosi sɛ nsuhyiri he baeɛ bɛfaa bɛ nyinaa kɔeɛ. Na sɛdeɛ ɔyɛeɛ he, saa ne ɔbɛyɛ Nipa Ba he mmaeɛ mu.