Marko 7:21-23
Marko 7:21-23 ATWDB
Na nnipa mu, ne wɔn komam, na adwemmɔne fi ba: Aguamansɛm, awifosɛm, awudisɛm, ayerefasɛm, aniberesɛm, amumɔyɛ, nsisi, ahohwi, anibɔne, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm. Nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na egu onipa ho fi.