Luka 5:12-13
Luka 5:12-13 ATWDB
Na ɛbae sɛ ɔwɔ nkurow no biako mu no, ɔbarima bi a kwata ayɛ ne honam ani nyinaa baa hɔ. Na ohuu Yesu no, ɔde n’anim butuw fam srɛɛ no sɛ: Owura, sɛ wopɛ a, wubetumi ama me ho afi. Na ɔteɛɛ ne nsa kaa no kae sɛ: Mepɛ, wo ho mfi! Na ntɛm ara na kwata no fii ne ho kɔe.