1
Marko 4:39-40
KYERƐW KRONKRON
Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn. Na osee wɔn sɛ: Adɛn nti na moyɛ ahufo sɛɛ? Adɛn na munni gyidi?
Σύγκριση
Διαβάστε Marko 4:39-40
2
Marko 4:41
Na wosuroe yiye, na wosisee wɔn ho sɛ: Onipa bɛn ara ni na mframa ne po mpo tie no yi?
Διαβάστε Marko 4:41
3
Marko 4:38
Na ɔno de, ɔwɔ ɔkorow no to ada sumii so. Ɛnna wonyan no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?
Διαβάστε Marko 4:38
4
Marko 4:24
Na osee wɔn sɛ: Monhwɛ yiye nea mote no ho! Susukora ko a mode susuw no, wɔde besusuw ama mo, na wɔde bi bɛka mo ho.
Διαβάστε Marko 4:24
5
Marko 4:26-27
Na ɔkae sɛ: Sɛnea Onyankopɔn ahenni te ni: Ɛte sɛ onipa bi gu aba wɔ fam, na ɔda na onyan anadwo ne awia, na aba no fifi, na enyin, na onnim sɛnea ɛyɛe.
Διαβάστε Marko 4:26-27
6
Marko 4:23
Sɛ obi wɔ aso a ɔde betie a, ma ontie!
Διαβάστε Marko 4:23
Αρχική
Αγία Γραφή
Σχέδια
Βίντεο