1
Marko 16:15
KYERƐW KRONKRON
Na osee wɔn sɛ: Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔde nyinaa.
Σύγκριση
Διαβάστε Marko 16:15
2
Marko 16:17-18
Na nsɛnkyerɛnne yi bedi wɔn a wobegye adi no akyi: Me din mu, wobetu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforo, wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom awuduru biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa begu ayarefo so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.
Διαβάστε Marko 16:17-18
3
Marko 16:16
Nea ogye di na wɔabɔ no asu no, wobegye no nkwa, na nea onnye nni no, wobebu no fɔ.
Διαβάστε Marko 16:16
4
Marko 16:20
Na wɔn de, wofii hɔ kɔe kɔkaa asɛm no mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma nam nsɛnkyerɛnne a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.
Διαβάστε Marko 16:20
5
Marko 16:6
Na osee wɔn sɛ: Mommmɔ piriw; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyan, onni ha. Monhwɛ faako a wɔde no toe!
Διαβάστε Marko 16:6
6
Marko 16:4-5
Na wɔmaa wɔn ani so no, wohui sɛ ɔbo a ɛso kokuroo no amuni dedaw. Na wɔkɔɔ ɔda no mu no, wohuu aberante bi sɛ ɔte nifa so hyɛ atade tenten fitaa, na wɔbɔɔ piriw.
Διαβάστε Marko 16:4-5
Αρχική
Αγία Γραφή
Σχέδια
Βίντεο