Na sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ. Na sɛnea nna a edi nsuyiri anim no mu no wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware, de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no, saa ara nso na Onipa Ba no ba bɛyɛ.