1
Luka 6:38
KYERƐW KRONKRON
Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.
Σύγκριση
Διαβάστε Luka 6:38
2
Luka 6:45
Onipa pa fi nnepa a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adepa adi, na onipa bɔne fi nnebɔne a waboaboa ano ne koma mu no mu na oyi adebɔne adi; na efi nea ayɛ koma ma aboro so no mu na ano ka.
Διαβάστε Luka 6:45
3
Luka 6:35
Na monnɔ mo atamfo, na monyɛ wɔn yiye na momfɛm wɔ nea ani nni biribi so, na mo akatua ayɛ bebree, na moayɛ nea ɔwɔ sorosoro no mma, efisɛ ɔno de, oye ma bonniayɛfo ne nnipa bɔne.
Διαβάστε Luka 6:35
4
Luka 6:36
Enti monyɛ timmɔbɔ sɛnea mo agya nso yɛ timmɔbɔ no.
Διαβάστε Luka 6:36
5
Luka 6:37
Nanso mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn; mummmu fɔ, na wɔammu mo fɔ; momfa nkyɛ, na wɔde akyɛ mo.
Διαβάστε Luka 6:37
6
Luka 6:27-28
Na mise mo a mote yi sɛ: Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, munhyira wɔn a wɔdome mo, mommɔ mpae mma wɔn a wɔhaw mo!
Διαβάστε Luka 6:27-28
7
Luka 6:31
Na sɛnea mopɛ sɛ nnipa nyɛ mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara!
Διαβάστε Luka 6:31
8
Luka 6:29-30
Nea ɔbɔ w’aso biako mu no, dan biako no nso ma no. Na nea ɔfa w’atade nkataso no, mfa w’atade nhyɛase nso nkame no! Obiara a ɔsrɛ wo no, ma no! Na nea ogye w’ade no, mmisa no bio!
Διαβάστε Luka 6:29-30
9
Luka 6:43
Na dua pa biara nni hɔ a ɛsow aba bɔne, nanso dua bɔne biara nni hɔ a ɛsow aba pa.
Διαβάστε Luka 6:43
10
Luka 6:44
Na dua biara n’aba na wɔde hu; na wɔntetew borɔdɔma wɔ nsɔe so, nanso wɔntetew obobe aba nguare so.
Διαβάστε Luka 6:44
Αρχική
Αγία Γραφή
Σχέδια
Βίντεο