1
Gyenesis 4:7
KYERƐW KRONKRON
Sɛ woyɛ papa a, anka w'anim rentew anaa? Na sɛ woanyɛ papa nti, bɔne butuw ɔpon ano, na w'akyi kwan na ɛrehwehwɛ, nanso di no so.
Porovnat
Zkoumat Gyenesis 4:7
2
Gyenesis 4:26
Na Set nso, wɔwoo ba maa no, na ɔtoo no din Enos. Ɛbere no mu na wofii ase bɔɔ AWURADE din sɔree no.
Zkoumat Gyenesis 4:26
3
Gyenesis 4:9
Na AWURADE bisaa Kain sɛ: Ɛhe na wo nua Habel wɔ? Na Kain buae sɛ: Minnim, me nua so hwɛfo ne me anaa?
Zkoumat Gyenesis 4:9
4
Gyenesis 4:10
Na AWURADE se: Ɛdɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne teɛm frɛ me fi asase so.
Zkoumat Gyenesis 4:10
5
Gyenesis 4:15
Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a obekum Kain no, wobedi ne were ahorow asɔn. Na AWURADE yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain, na obiara a obehu no no ankum no.
Zkoumat Gyenesis 4:15
Domů
Bible
Plány
Videa