YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 8:21-22

Gyenesis 8:21-22 ATWDB

Na AWURADE tee afɔre no huam, na ɔkae ne komam sɛ: Onipa nti meremmɔ asase dua bio, efisɛ onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase, na merensɛe nea ɛte ase nyinaa bio, sɛnea mayɛ yi. Nna nyinaa a asase wɔ hɔ yi, ogu ne otwa, awɔw ne ahohuru, asusow ne ɔpɛ, awia ne anadwo rennyae da.