YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 6:1-4

Gyenesis 6:1-4 ATWDB

Na nnipa fii ase redɔɔso wɔ asase so na wɔwoo mmabea maa wɔn no, Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ. Na AWURADE kae sɛ: Me honhom rentena onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu. Nna no mu na abran akɛse wɔ asase so, na akyiri yi nso a Onyankopɔn mma kɔɔ nnipa mmabea ho na wɔwoo mma maa wɔn no, eyinom ne abirempɔn a wɔwɔ din fi tete.