YouVersion Logo
Search Icon

Nnwom 47:1-6

Nnwom 47:1-6 ASNA

Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn. AWURADE Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase. Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ. Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. AWURADE wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu. To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.