Nehemia 2:17-18
Nehemia 2:17-18 AKNA
Na afei, meka kyerɛɛ wɔn se, “Munim amanne a ato yɛn kuropɔn yi yiye. Abubu na nʼapon nso ahyew. Momma yɛnto Yerusalem fasu no bio mfa mpepa animguase a ato yɛn yi!” Afei, mekaa sɛnea Onyankopɔn adom nsa aba me so no ne me nkɔmmɔ a me ne ɔhene dii no kyerɛɛ wɔn. Wobuaa prɛko pɛ se, “Ɛyɛ asɛm pa: Momma yɛnto ɔfasu no bio!” Enti wofii adwuma pa yi ase.