Daniel 8:19-21
Daniel 8:19-21 AKNA
Ɔkae se, “Merebɛka nea ebesi akyiri no wɔ abufuwbere mu akyerɛ wo, efisɛ anisoadehu no fa awiei bere a wɔahyɛ no ho. Odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma Media ne Persia ahemfo no. Ɔpapo niɔdenfo no yɛ Helahene, na abɛn kɛse a etua nʼani ntam no yɛ ɔhene a odi kan no.