Gyenesis 49:24-25
Gyenesis 49:24-25 ASWDC
Nanso na ne tadua kura no pintinn, na ne basa mu yɛɛ den. Ɛfiri Yakob Tumfoɔ no nsam, ɛfiri ɔhwɛfoɔ a ɔyɛ Israel botan no mu. Ɛfiri w’agya Nyankopɔn, ɔmmoa wo, na ɛfiri Tweaduampɔn hɔ, ɔnhyira wo. Ɔmfa ɔsorosoro nhyira, ne ebunu a ɛtrɛtrɛ aseɛ mu nhyira, ne nufoɔ ne yafunu mu nhyira nhyira wo.