YouVersion Logo
Search Icon

Gyenesis 28:20-22

Gyenesis 28:20-22 ASWDC

Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ, na wasane me asomdwoeɛ mu de me aba m’agya fie a, ɛnneɛ AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn. Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.