Eksodɔs 15:23-25
Eksodɔs 15:23-25 ASWDC
Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara. Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom? Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ