1
Marko 6:31
Apam Foforɔ
Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommra baabi a biaa nni mmɛhome kakra,” efiri sɛ na nnipa bebree oodi akɔ ne aba a na ɔmma benya kwane nnidi mpo.
Compare
Explore Marko 6:31
2
Marko 6:4
Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Anidie mmɔ adiyifoɔ gye sɛ bɛ kurom, ne bɛaa bɛ nkurofoɔ mu, ne bɛaa bɛ fie.”
Explore Marko 6:4
3
Marko 6:34
Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.
Explore Marko 6:34
4
Marko 6:5-6
Na wantumi anyɔ tumideɛ biaa hɔ gye nnipa kakraa bi a ɔde ne nsa guu bɛ so saa bɛ yadeɛ. Na ɔyɛɛ no nwanwa sɛ bɛannye anni. Na okyinkyini nkuraase kyerɛkyerɛeɛ.
Explore Marko 6:5-6
5
Marko 6:41-43
Na ɔfaa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so wieeɛ he obubuu paanoo he mu de maa n’asuafoɔ he sɛ bɛmfa mma nkurofoɔ he, na ɔkyɛɛ nkyenam mmienu he maa bɛ nyinaa. Na biaa didi mmeeɛ. Na bɛsesaa paanoo ne nkyenam mproprowa nkɛntɛne du mmienu ma ma.
Explore Marko 6:41-43
Home
Bible
Plans
Videos