1
Marko 16:15
Apam Foforɔ
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.
Compare
Explore Marko 16:15
2
Marko 16:17-18
Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ. Bɛde bɛ nsa bɛfa awɔ, na sɛ bɛnom awuduro mpo a, ɔnyɔ bɛ hwee, bɛde bɛ nsa begu ayarefoɔ so, na bebenya ayaresa.”
Explore Marko 16:17-18
3
Marko 16:16
Nea ɔbɛgye adi na hobɛbɔ no asu he benya nkwa, na nea wannye anni he bebebu no fɔ.
Explore Marko 16:16
4
Marko 16:20
Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]
Explore Marko 16:20
5
Marko 16:6
Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.
Explore Marko 16:6
6
Marko 16:4-5
Bɛhwɛeɛ he, behuu sɛ boɔ kɛseɛ a ɔda adamena he ano he amini afiri hɔ. Beewura nna he mu he, behuu abeemaa bi a ɔhyɛ ataadeɛ tentene fitaa te nifa so hɔ, na bɛ akoma tuiɛ.
Explore Marko 16:4-5
Home
Bible
Plans
Videos