1
Luka 9:23
Apam Foforɔ
Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ nyinaa sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, ɔmfa n’asennua na onni m’akyi daa.
Compare
Explore Luka 9:23
2
Luka 9:24
Na biaa a ɔpɛ sɛ ne nsa ka ne kra he, ne kra bɛhwere no; nso biaa a me nti ɔbɛhwere ne kra he, bɛbɛgye no nkwa.
Explore Luka 9:24
3
Luka 9:62
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa nni hɔ a ɔde ne nsa akɔsɔ funtumdadeɛ mu na ɔhwɛ nnoɔma a ɔya n’akyi a ɔfata Nyankopɔn ahennie he.”
Explore Luka 9:62
4
Luka 9:25
Sɛ nipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a abɛ mfasoɔ koraa ne ya so?
Explore Luka 9:25
5
Luka 9:26
Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho he, ɔno nso ho bɛyɛ nipa Ba he aniwuo berɛ a mede m’Agya animuonyam bɛba, a abɔfoɔ kronkron ka me ho he.
Explore Luka 9:26
6
Luka 9:58
Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na wiem nnomaa wɔ pirebuo, nso Nipa Ba he nni baabi a ɔde ne ti bɛto.”
Explore Luka 9:58
7
Luka 9:48
na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Biaa a ɔbɛgye abɔfra yi me dini mu he, na waagye me nso, na biaa a ɔbɛgye me he, na waagye nea ɔsomaa me he nso. Na nea ɔyɛ ne ho kumaa ya ho nyinaa mu he, ɔno ne bɛyɛ kɛseɛ paa.”
Explore Luka 9:48
Home
Bible
Plans
Videos