1
Luka 6:38
Apam Foforɔ
Homma na bɛama ho. Susukuruwa pa a bɛamia so, awoso no ama abu so ne bɛde begu ho ntoma mu. Na susukuruwa a hode susu ma nkurofoɔ he, ɔnoaa ne bɛde besusu ama ho.”
Compare
Explore Luka 6:38
2
Luka 6:45
Nipa pa firi adepa a wakora no n’akoma mu ne oyi adepa adi, nso bɔnefoɔ firi nnebɔne a wakora no n’akoma mu ne oyi adebɔne adi; efiri sɛ nea ayɛ akoma mã aboro so he ne ano ka.
Explore Luka 6:45
3
Luka 6:35
Mmom, honnɔ ho atamfoɔ na honyɔ bɛ papa na homma afoforɔ bosea a ho ani nna so sɛ hobenya bibi akyire yi; na ho akatua bɛyɛ kɛseɛ, na hobɛyɛ Sorosoroni he mma, efiri sɛ ne yam yɛ ma boniayɛfoɔ ne abɔnefoɔ.
Explore Luka 6:35
4
Luka 6:36
Nti honhu biaa mmɔbɔ sɛnea ho Agya hu biaa mmɔbɔ he.
Explore Luka 6:36
5
Luka 6:37
“Bio nso, hommu atɛne na bɛammu ho atɛne; na hommu fɔ na bɛammu ho fɔ. Homfa nkyɛ na bɛde akyɛ ho.
Explore Luka 6:37
6
Luka 6:27-28
“Nso meeka akyerɛ ho a hootie yi sɛ, honkɔ so nnɔ ho atamfoɔ, na honyɔ bɛ a bɛtane ho he papa, na honhyira bɛ a bɛdome ho, na hommɔ mpaeɛ mma bɛ a bɛha ho!
Explore Luka 6:27-28
7
Luka 6:31
“Afei nso, sɛnea hopɛ sɛ nnipa yɛ ma ho he, honyɔ saa mma afoforɔ nso.
Explore Luka 6:31
8
Luka 6:29-30
Nea ɔbɔ w’aso fa mu he, dane fã a aaka he nso ma no; na nea ɔfa w’ataadeɛ ngugusoɔ he, mfa ataadeɛ nhyɛaseɛ he nso nkame no. Na biaa a obisa wo bibi he, ma no, na nea ɔfa wo nnoɔma he, mmisa no ho asɛm.
Explore Luka 6:29-30
9
Luka 6:43
“Na dua pa biaa nso aba bɔne; saa ara nso ne dua bɔne biaa nso aba pa.
Explore Luka 6:43
10
Luka 6:44
Na dua biaa aba ne bɛde hu dua pɔtee a ɔyɛ. Bɛntete borɔdoma mfiri nkasɛe so, na bentwa bobe mfiri nwerɛ so.
Explore Luka 6:44
Home
Bible
Plans
Videos