1
Adiyisɛm 3:20
KYERƐW KRONKRON
Hwɛ, mabegyina ɔpon ano na mebom; sɛ obi betie me nne na wahiɛ ɔpon no a, mɛhyɛn mu maba ne nkyɛn, na me ne no abedidi, na ɔne me nso adidi.
Compare
Explore Adiyisɛm 3:20
2
Adiyisɛm 3:15-16
Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, mefe wo afi m’anom.
Explore Adiyisɛm 3:15-16
3
Adiyisɛm 3:19
Dodow a medɔ wɔn no, miyi wɔn ntɛn na metwe wɔn aso; enti bɔ mmɔden na sakra w’adwene!
Explore Adiyisɛm 3:19
4
Adiyisɛm 3:8
minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, na woadi m’asɛm so, na woampa me din.
Explore Adiyisɛm 3:8
5
Adiyisɛm 3:21
Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.
Explore Adiyisɛm 3:21
6
Adiyisɛm 3:17
Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne ɔdagyani.
Explore Adiyisɛm 3:17
7
Adiyisɛm 3:10
Esiane sɛ woadi me boasetɔ asɛm so nti, me nso mɛkora wo, sɔhwɛ bere a ɛbɛba wiase nyinaa so, sɛ wɔbɛsɔ wɔn a wɔte asase so ahwɛ, no mu.
Explore Adiyisɛm 3:10
8
Adiyisɛm 3:11
Mereba ntɛm; so nea wowɔ no mu, na obi annye w’abotiri.
Explore Adiyisɛm 3:11
9
Adiyisɛm 3:2
Nyan, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim.
Explore Adiyisɛm 3:2
Home
Bible
Plans
Videos