1
1 Yohane 2:15-16
KYERƐW KRONKRON
Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetena mu ahohoahoa, emfi Agya no, na mmom efi wiase.
Compare
Explore 1 Yohane 2:15-16
2
1 Yohane 2:17
Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa.
Explore 1 Yohane 2:17
3
1 Yohane 2:6
Nea ɔka sɛ ɔte ne mu no, ɛsɛ no sɛ ɔnantew sɛnea ɔno nso nantewee.
Explore 1 Yohane 2:6
4
1 Yohane 2:1
Me mma nkumaa, merekyerɛw eyinom mabrɛ mo, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔkamafo bi, Agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo.
Explore 1 Yohane 2:1
5
1 Yohane 2:4
Nea ɔka sɛ: Minim no, na onni n’ahyɛde so no yɛ ɔtorofo, na nokware no nni ne mu.
Explore 1 Yohane 2:4
6
1 Yohane 2:3
Na, sɛ yedi n’ahyɛde so a, ɛno ara na yɛde hu sɛ yenim no.
Explore 1 Yohane 2:3
7
1 Yohane 2:9
Nea ɔka sɛ ɔwɔ hann no mu, na ɔtan ne nua no, ɔda so wɔ sum mu ara de besi sesɛɛ.
Explore 1 Yohane 2:9
8
1 Yohane 2:22
Ɛhena ne ɔtorofo no sɛ nea ɔsan sɛ Yesu nyɛ Kristo no? Oyi ne antikristo a ɔpo Agya no ne ɔba no.
Explore 1 Yohane 2:22
9
1 Yohane 2:23
Obiara a ɔpo ɔba no, onni Agya no nso, na nea ɔpaem bɔ Ɔba no din no wɔ Agya no nso.
Explore 1 Yohane 2:23
Home
Bible
Plans
Videos