1
Marko 9:23
KYERƐW KRONKRON
Na Yesu see no sɛ: Wuse: Sɛ wubetumi a! Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di.
Compare
Explore Marko 9:23
2
Marko 9:24
Na ntɛm ara, abofra no agya de nusu teɛɛm sɛ: Migye midi, boa me m'akyinnyegye mu!
Explore Marko 9:24
3
Marko 9:28-29
Na oduu fie no, n’asuafo no bisaa no wɔ nkyɛn sɛ: Adɛn nti na yɛn de, yɛantumi antu no? Na Yesu see wɔn sɛ: Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ [ne abuada].
Explore Marko 9:28-29
4
Marko 9:50
Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ tu fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Munnya nkyene mo ara mo mu, na mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu!
Explore Marko 9:50
5
Marko 9:37
Obiara a obegye saa mmofra yi mu biako me din mu no begye me; na obiara a obegye me no, ɛnyɛ me na ogye me, na nea ɔsomaa me no.
Explore Marko 9:37
6
Marko 9:41
Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.
Explore Marko 9:41
7
Marko 9:42
Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.
Explore Marko 9:42
8
Marko 9:47
Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tu! Eye ma wo sɛ wode ani koro bɛkɔ Onyankopɔn ahenni mu, sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom
Explore Marko 9:47
Home
Bible
Plans
Videos