1
Marko 2:17
KYERƐW KRONKRON
Na Yesu tee no, osee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, enhia wɔn ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare no. Mammɛfrɛ treneefo na mmom mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo.
Compare
Explore Marko 2:17
2
Marko 2:5
Na Yesu huu wɔn gyidi no, osee obubuafo no sɛ: Ɔba, wɔde wo bɔne akyɛ wo.
Explore Marko 2:5
3
Marko 2:27
Na osee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ onipa.
Explore Marko 2:27
4
Marko 2:4
Na esiane nkurɔfokuw no nti, na wontumi mmɛn no no, wɔkɔpaa ɔdan a ɔwɔ mu no so; na wotuu tokuru de kɛtɛ a obubuafo no da so no faa mu gyaagyaa no too mu.
Explore Marko 2:4
5
Marko 2:10-11
Na sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ onipa ba no wɔ tumi asase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti, osee obubuafo no sɛ: Mise wo sɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na kɔ wo fi!
Explore Marko 2:10-11
6
Marko 2:9
Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ wobese obubuafo no sɛ: Wɔde wo bɔne akyɛ wo, anaasɛ: Sɔre, fa wo kɛtɛ na nantew.
Explore Marko 2:9
7
Marko 2:12
Na ɔsɔree, na ntɛm ara ɔfaa ne kɛtɛ fii wɔn nyinaa anim kɔe; na ɛmaa wɔn nyinaa ho dwiriw wɔn, na wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam kae sɛ: Yenhuu saa bi da!
Explore Marko 2:12
Home
Bible
Plans
Videos