1
Luka 1:37
KYERƐW KRONKRON
efisɛ Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ hɔ.
Compare
Explore Luka 1:37
2
Luka 1:38
Ɛnna Maria se: Hwɛ, Awurade afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se. Na ɔbɔfo no gyaw no hɔ kɔe.
Explore Luka 1:38
3
Luka 1:35
Na ɔbɔfo no bua see no sɛ: Honhom Kronkron no bɛba wo so, na Nea Ɔwɔ Sorosoro no ahoɔden abɛkata wo so; enti na ade kronkron a wobɛwo no, wɔbɛfrɛ no Onyankopɔn ba.
Explore Luka 1:35
4
Luka 1:45
Na nhyira ne nea wagye adi, efisɛ nsɛm a Awurade ama wɔabɛka akyerɛ no no bɛba mu.
Explore Luka 1:45
5
Luka 1:31-33
Na hwɛ, wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea Ɔwɔ Sorosoro no Ba; na Awurade Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.
Explore Luka 1:31-33
6
Luka 1:30
Na ɔbɔfo no see no sɛ: Nsuro, Maria, na woanya Onyankopɔn hɔ adom.
Explore Luka 1:30
Home
Bible
Plans
Videos